Hm, Koomire no no
Dabiaa na konkonsa
Mewerɛfi koraa ɛnyɛ deɛ wode yɛɛ Amponsah
Adwenfi nti wodeɛ kɔ soa kyimkyim sa
Wonnim, sɛ wo wɔ yere san wɔ mma
Ɛnɛ wokɔɔ dwaso yɛtɔɔ sɛn
Metɔn me nsem no, mede bi foo hyɛn
Na woɛ?
Wotɔn yɛ no wo nyaa deɛn?
Animguaseɛ
Mo tete nnua ase na nkorɔfo nsem
Nipa sei tumi kɔ wie korɔno afam
W'akeka nsem a w'ahunu sɛ woho akam
Woto boɔ bɔ Nyame nso a ɛbɔ w'apampam
Konkonsa no mo di no nyansa mu, na ɛtan
Hwɛ sɛ wo yare da mpa mu
Obi ne fie asem na wode woho ahyɛ mu
Nansoɔbɛn
Wei nkɔ mma mo a mo ndi mo fie asem
Edwom te sɛn (eh eh ehh)
Meho nsem a woo tɔn no yɛtɔɔ adeɛ sɛn
(Eh eh ehh)
Ababawa ee na wo nyaa mfasoɔ bɛn a
(Dabiaa na konkonsa no)
Edwom te sɛn (eh eh ehh)
(Ɛne nkorɔfo nsem)
Edwom te sɛn (eh eh ehh)
(Wo deɛ dabiaa na konkonsa no)
Meho nsem a wo tɔn no yɛtɔɔ adeɛ sɛn a
Ababawa ee na wo nyaa mfasoɔ bɛn a
(Nti wodeɛ dabiaa na konkonsa no)
Edwom te sɛn (eh eh ehh)
Ntie deɛ obia bɛka biom
Adwenfi nti dabiaa na wo nam dan ho
W'akɔka obi ho asem nti
Ɔde ne ho sie, ɔntumi mfa kwan ho
Wɔ nam park so a ɔnni ahotɔ
Nti dabia ɔde ne ho siesie nipa
Dadowa kwaa kɔɔ atwee mantse
Nipa reyɛ waa paaba wɔ n'adwuma yɛm
Pioneer konkonsa, ɔɔkɔ bisa
Ɔkɔ atifi kɔ ho no nsuo no a
Na w'aba anaafo abɛbisa
W'aba anaafo abɛbisa, anomaa kokonekone ee
Ɔkɔ atifi kɔ ho no nsuo no a
Na w'aba anaafo abɛbisa ee
W'aba anaafo abɛbisa, konkonsa yi a gyae oo
Ɛnyɛ moa, dumsor n'aboa mo
Agye sɛ moanhu sum na mo kɔ toaso
Obi yere afa yɛfunu wɔ Tulaaku
Nti ɛbaa ne sɛn na akɔ akɔ pie Aboabo
Ɔbɛ to ne bo ase aa na w'aboa ano
Nsem a ɛhyɛ kokoa mu koraa ɔkura safoa no
Konkonsa mu degree me se akoa no
Hm!
Me se wei nkɔ mma mo a mo ndi mo fie asem
Edwom te sɛn (eh eh ehh)
Meho nsem a wo tɔn no yɛtɔɔ adeɛ sɛn
(Eh eh ehh)
Ababawa ee na wo nyaa mfasoɔ bɛn a
(Eh eh ehh)
(Dabia na konkonsa no)
Edwom te sɛn (eh eh ehh)
(Konkonsa no)
Edwom te sɛn (eh eh ehh)
Meho asem a woo tɔn no yɛtɔɔ adeɛ sɛn
Konkonsa krakye ee wo nyaa mfasoɔ bɛn a
(Eh eh ehh)
(Ka hyɛn kɔ duru)
Edwom te sɛn (eh eh ehh)
Edwom te sɛn (eh eh ehh)
Meho nsem a wo tɔn no yɛtɔɔ adeɛ sɛn
(Eh eh ehh)
Ababawa ee na wo nyaa mfasoɔ bɛn a
Edwom te sɛn (eh eh ehh)
Edwom te sɛn (eh eh ehh)
Meho nsem a wo tɔn no yɛtɔɔ adeɛ sɛn
(Eh eh ehh)
Konkonsa krakye ee wo nyaa mfasoɔ bɛn a
(Eh eh ehh)
Edwom te sɛn (eh eh ehh)
Ntie deɛ obia bɛka biom