🎵

Gye No Di

Album: Gye No Di Durasi: 5:52

Onua hunu sɛ

Wo su ne wo haw nyinaa ara

Ɛbɛdane wo sereɛ

Odimafo Nyame ka yɛn ho

Hunu sɛ w'anim rengu ase da

Wadi nkan ayɛ ama ebinom

Wo nso Ɔbɛtumi ayɛ

Gye no di

Menim sɛ, me su ne me haw nyinaa

Ɛbɛdane me seree

Na menim sɛ me Dimafo Nyame ka me ho yi

M'anim rengu ase da

Menim sɛ Ɔbɛtumi ayɛ

Menim sɛ, me su ne me haw nyinaa

Ɛbɛdane me seree

Na menim sɛ me Dimafo Nyame ka me ho yi

M'anim rengu ase da

Menim sɛ Ɔbɛtumi ayɛ

Wɔakyerɛw sɛ, mesu frɛ no hia da m' a

Ɔbɛgye me so, na Ɔbɛka nsɛm kɛseɛ a, ahinta

Na Ɔde akyerɛ m', Ɔyɛ Ɔkyɛso Nyame a

Menim sɛ Ɔbɛtumi ayɛ

Jesus, Wo mma refrɛfrɛ Wo sɛ nea nyankontɔn refrɛfrɛ nsuo no

Hunu sɛ, wo su ne wo haw nyinaa

Ɛbɛdane wo seree

Na hunu sɛ wo Dimafo Nyame ka wo ho yi

W'anim rengu ase da

Hunu sɛ Ɔbɛtumi ayɛ

Wɔakyerɛw sɛ, wosu frɛ no hia da m' a

Ɔbɛgye wo so, na Ɔbɛka nsɛm kɛseɛ a, ahinta

Na Ɔde akyerɛ w', Ɔyɛ Ɔkyɛso Nyame a

Gye 'No di yie, Ɔbɛtumi ayɛ

Hunu sɛ, wo su ne wo haw nyinaa

Ɛbɛdane wo seree

Na hu, hunu sɛ wo Dimafo Nyame

Wo Dimafo Nyame ka wo ho yi

W'anim rengu ase da

Hunu sɛ, yie ei, Ɔbɛtumi ayɛ

(Nti gye No di) na Ɔbɛtumi ayɛ ama wo

(Gye No di) na Ɔbɛtumi ayɛ ama wo

(Gye No di) na Ɔbɛtumi ayɛ ama wo o

Wadi 'nkan ayɛ bi ama me o (gye No di)

Na Ɔbɛtumi ayɛ ama wo (gye No di)

Na Ɔbɛtumi ayɛ ama wo o (gye No di)

Na Ɔbɛtumi ayɛ ama wo (gye No di)

Yesu na Wɔakyerɛw sɛ (gye No di)

Na Ɔbɛtumi ayɛ ama wo (gye No di)

Na Ɔbɛtumi ayɛ ama wo o (gye No di)

Na Ɔbɛtumi ayɛ ama wo (gye No di)

Ɛmfa ho nea ɛbɛto wo biara (gye No di) wate

Na Ɔbɛtumi ayɛ ama wo (gye No di)

Na Ɔbɛtumi ayɛ ama wo o, hey (gye No di)

Na Ɔbɛtumi ayɛ ama wo (gye No di)

Wadi 'nkan ayɛ bi ama me nti (gye No di)

Na Ɔbɛtumi ayɛ ama wo (gye No di)

Na Ɔbɛtumi ayɛ ama wo o, eh (gye No di)

Na Ɔbɛtumi ayɛ ama wo o(gye No di)

Onua-