🎵

Mary

Album: Sarkodie Songs Durasi: 4:22

...

Dabiaa na wohwɛ manim a, na me yam na mennim sɛ ɔdɔ nti

Nea atete ama ya penpam

Kuntu hwane kɔ na kyi a yenkyi

Akyekyere ɔde bɔkɔ na ɛbɛkɔ na onim sɛ ɔnka akwantifi

Enti mesrɛ fa wontama bɔ me diɛ ano na yɛmmɔ ampesi kakra na yendi

Adutwumwaa wo hwene yɛ me fɛ

Wofe mano a, na megyimi abɛtɛ

Gyegye me so na wonim sɛ wonkoa na mepɛ

Me hyɛ ase pɛɛ wo akyɛ nyɛ nnɛ

Woyɛ makoma mu hemmaa eeee

Ataa naa Nyumŋɔ eee

Ɔdɔ makoma yi nyinaa wɔ wo nkoaa

Adwendwen ne adwodwoo nkoaa,

Awerɛhoɔ ne atetee nkoaa,

Ɔdɔ makoma yi nyinaa wɔ wo nkoaa

Adwendwen ne adwodwoo nkoaa eeee

Awerɛhoɔ ne atetee nkoaa aaaa

Ɔdɔ makoma yi nyinaa wɔ wo nkoaa

aaahhgg!!!!

what else!!!

monmmɔ me horns!!!

Okay

Ɔte mase, mete n'ase

W'eyi de makye, ɔdɔ mu tatahwe

Ahomakye na towel bi bɔ n'ase

Mese ɔdɔ bra, ɔse mewura mate

Onim yɛ, nkɔmmɔ dɛ

Ne ho nti mempɛ mmaa, yɛse meyɛ homosɛ

Meto m'ani aaa, mehu ɔno pɛ

Meho mmaa pii nso ɔno na mesee no pɛ

Baby you know, that you're the one

Wodɔ no afa me, akye meho sɛ harmattan

M'ato no cinderella na w'ato me peter pan

Dea wohia no kura me yɛ ɔdɔ mu afari gyan

Sisi ne ahweneɛ, ɛfata wo

Wohyiaa me no na foosu bi na ɛhyɛ me, na menni baw

Enti sɛ nnɛ w'ate me ase aa, mentumi mmɛ hawo.

Ɔdɔ safoa no kura wo

M'adukro mu nsuo akɔnɔakɔnɔ

Maabena agya mehɔ ama mayɛ mɔbɔmɔbɔ

June July nsuo kɛseɛ bi nyaae aa anka ɛbɛtɔ

W'anitua no nyinaa na wagyaw mehɔkɔ

Nti wogyidi sɛ metumi atenahɔ

Adi sigya akɔpem dabɛn nieee,

Maabenaa sɛ w'afe me aaa sɔre ɛɛ,

kɔpɛ ntoma sini bi na yɛmpie

Ɔdɔ dɔ paaa eee

Dɔ pa eee

Ɔdɔ dɔ pa eee, wanyiwa mma na okumi ooo

Ɔdɔ dɔ paaa eee

Dɔ pa eee

Ɔdɔ dɔ pa eee, wanyiwa mma na okumi ooo

Makoma!! Na mede bɛma ɔdɔ, mede bɛ kyɛ ɔdɔ, mede bɛma ɔdɔ

Wanyiwama na okumi ooo

Makoma!! Na mede bɛma ɔdɔ, mede bɛ kyɛ ɔdɔ, mede bɛma ɔdɔ

Wanyiwama na okumi ooo

Menko medeɛ eeee

Ɔdɔ m'akoma yi nyinaa wɔ wo nkoaa

Deɛ ɛbɛka biara menteɛ ooo me my-dear

Ɔdɔ m'akoma yi nyinaa wɔ wo nkoaa

hmmm hmmm

Mara me broni eeeee

Ɔdɔ m"akoma yi nyinaa wɔwo nkoaa

ebei!! Sark

wondze dɛɛ pipe organ

me broni eee

Ɔdɔ m'akoma yi nyinaa wɔ wo nkoaa

Wo yɛ ahomka ooooo

bra oooo bra ooo bra ooo

Ɔdɔ m'akoma yi nyinaa wɔ wo nkoaa

Ɔdɔ yewu eeee, bɛfew m'ano

Na mafe wo oooo

Ɔdɔ m'akoma yi nyinaa wɔ wo nkoaaaa